Psalms 6

Dawid dwom.


1 Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu,
na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.

2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw;
Awurade sa me yare
na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.

3 Me kra wɔ ahohia mu.
Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?


4 San bra, Awurade, na begye me nkwa;
gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.

5 Obi a wawu no renkae wo da,
hena na ofi ɔda mu kamfo wo?


6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw.
Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa,
na me nusu fɔw me sumii.

7 Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu.
Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.


8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!
efisɛ Awurade ate me sufrɛ.

9 Awurade ate me mmɔborɔsu;
Awurade tie me sufrɛ.

10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase
na wɔn ho adwiriw wɔn;
na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.
Copyright information for TwiAKNA